James 1

1Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn.

Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa.

Gyidi ne nyansa

2Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye 3efisɛ, sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya boasetɔ. 4Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho nhia mo.

5Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ, Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa. 6Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; 8nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.

Ohia ne ahonya

9Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10na ɔdefo a wɔbrɛ no ase no nso saa ara. Efisɛ, ɔdefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. 11Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ no sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe ɔdefo no bere a ogu so redi ne dwuma no.

Sɔhwɛ

12Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ, ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no. 13Sɛ saa sɔhwɛ no to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ, ɔbonsam rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno ara Onyankopɔn ankasa nso nsɔ obi nhwɛ. 14Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. 15Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu. 16Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

17Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔnsesa sɛ sunsumma. 18Ofi ne pɛ mu nam nokware a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ abɔde nyinaa mu.

Otie ne ɔyɛ

19Me nuanom adɔfo, monkae sɛ ɛsɛ sɛ mo mu biara tie no ntɛm na ɔnyɛ nyaa nkasa na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw. 20Onipa abufuw no mma onnya Onyankopɔn trenee no. 21Ɛno nti, montwe mo ho mfi afide ne atirimɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na asɛm a odua wɔ mo koma mu a ebegye mo nkwa no munnye.

22Munntie asɛm no sɛ atiefo kwa, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo. 23Obiara a otie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu na ohu sɛnea ɔte. 24Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu yiye na sɛ ofi ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ fi nea ohui no nyinaa. 25Nanso obiara a ɔhwɛ mmara pa a wɔahyɛ a ɛma onipa de ne ho, na odi so, na otie, na ne werɛ mfi, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn behyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.

26Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ Onyamesomfo na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no ho nni mfaso na ɔdaadaa ne ho nso. 27Nea Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ nyamesom pa no ni: kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu, na yi wo ho fi nneɛma porɔwee ho.

Copyright information for TwiNAK